Leviticus 19:30 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 30 “‘Monhwɛ sɛ mubedi me homeda,+ na munsuro me kronkronbea no nni no ni.+ Mene Yehowa. Hesekiel 20:13 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 13 “‘“Nanso Israel fie tew me so atua wɔ sare so.+ Wɔannantew m’ahyɛde mu+ na wɔpoo m’atemmusɛm+ a sɛ onipa di so a, onya nkwa no.+ Na woguu me homeda ho fĩ pɔtɔɔ,+ enti mekae sɛ mehwie m’anibere agu wɔn so wɔ sare so na masɛe wɔn.+ Hesekiel 23:38 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 38 Nanso nea ɛsen saa no, nea wɔde yɛɛ me ni: Woguu me kronkronbea+ hɔ fĩ+ saa da no, na wohuraa me homeda ho.+
13 “‘“Nanso Israel fie tew me so atua wɔ sare so.+ Wɔannantew m’ahyɛde mu+ na wɔpoo m’atemmusɛm+ a sɛ onipa di so a, onya nkwa no.+ Na woguu me homeda ho fĩ pɔtɔɔ,+ enti mekae sɛ mehwie m’anibere agu wɔn so wɔ sare so na masɛe wɔn.+
38 Nanso nea ɛsen saa no, nea wɔde yɛɛ me ni: Woguu me kronkronbea+ hɔ fĩ+ saa da no, na wohuraa me homeda ho.+