Deuteronomium 32:19 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 19 Yehowa huu saa no, wɔn ho yɛɛ no nwini,+Efisɛ ne mmabarima ne ne mmabea huruu ne bo. Dwom 78:59 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 59 Enti Onyankopɔn tee,+ na ne bo fuwii kɛse,+Na Israel ho yɛɛ no aniwu koraa.+ Dwom 106:40 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 40 Ɛnna Yehowa abufuw dɛw tiaa ne man,+Na n’agyapade no bɛyɛɛ akyide maa no.+ Yeremia 6:8 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 8 O Yerusalem, ma wɔnteɛ wo so,+ na anyɛ me kra tan amma mantwe me ho amfi wo ho,+ na manyɛ wo amamfõ, asase a obiara nte so.”+ Yeremia 12:8 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 8 M’agyapade adan me sɛ gyata wɔ kwae mu. Wama ne nne so atia me. Ɛno nti na metan no no.+
8 O Yerusalem, ma wɔnteɛ wo so,+ na anyɛ me kra tan amma mantwe me ho amfi wo ho,+ na manyɛ wo amamfõ, asase a obiara nte so.”+