5 Mɛtow wo ne Nil asuasu mu mpataa nyinaa agu sare so.+ Na wobɛkɔ akɔtɔ wuram wɔ petee mu.+ Wɔrentase wo na wɔremmoa w’ano. Na mede wo bɛma wuram mmoa ne wim nnomaa sɛ aduan.+
17 “Onipa ba, nea Awurade Tumfoɔ Yehowa aka ni, ‘Ka kyerɛ nnomaa a wɔn ntakra gu ahorow ne wuram mmoa nyinaa+ sɛ: “Mommoaboa mo ho ano mmra. Mummehyiam wɔ afɔre kɛse a merebɔ ama mo wɔ Israel mmepɔw so no ase.+ Na mobɛwe nam anom mogya.+