Numeri 27:3 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 3 “Yɛn papa wui wɔ sare no so,+ nanso na ɔnka Kora baguafo+ a wɔne Yehowa dii asi no ho. Ɔno ara ne bɔne mu na owui,+ na wannya ɔbabarima biara. Mmebusɛm 11:21 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 21 Sɛ nsa tɔ nsayam mpo a, ɔbɔnefo remfa ne ho nni;+ na treneefo asefo de, wobenya wɔn ti adidi mu.+ Ɔsɛnkafo 8:13 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 13 Na ɔdebɔneyɛfo de, ɛrensi no yiye+ koraa; ne nna te sɛ sunsuma,+ na ɔrentumi mma ɛnyɛ tenten, efisɛ onsuro Onyankopɔn.+
3 “Yɛn papa wui wɔ sare no so,+ nanso na ɔnka Kora baguafo+ a wɔne Yehowa dii asi no ho. Ɔno ara ne bɔne mu na owui,+ na wannya ɔbabarima biara.
13 Na ɔdebɔneyɛfo de, ɛrensi no yiye+ koraa; ne nna te sɛ sunsuma,+ na ɔrentumi mma ɛnyɛ tenten, efisɛ onsuro Onyankopɔn.+