Yesaia 34:6 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 6 Yehowa wɔ nkrante bi; ɛbɛnom mogya amee+ na srade afɔw ho twɔnn: adwennini ne mpapo mogya, adwennini asaabo ho srade.+ Yehowa wɔ afɔre bi bɔ wɔ Bosra, ne okunkɛse wɔ Edom+ asase so. Yeremia 51:40 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 40 “Mede wɔn besian aba sɛ nguanten a wɔrekokum wɔn, te sɛ adwennini ne mpapo.”+ Sakaria 10:3 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 3 “Me bo afuw nguanhwɛfo no denneennen,+ na akannifo a wɔte sɛ mpapo+ no beyi wɔn ano wɔ m’anim,+ efisɛ asafo Yehowa adan n’ani aba ne nguan,+ Yuda fie, so. Na wayɛ wɔn sɛ ɔpɔnkɔ+ nuonyamfo a ɔde no kɔ ɔko. Mateo 25:33 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 33 Na ɔde nguan no begyina ne nsa nifa so,+ na ɔde mmirekyi no agyina ne benkum so.+
6 Yehowa wɔ nkrante bi; ɛbɛnom mogya amee+ na srade afɔw ho twɔnn: adwennini ne mpapo mogya, adwennini asaabo ho srade.+ Yehowa wɔ afɔre bi bɔ wɔ Bosra, ne okunkɛse wɔ Edom+ asase so.
3 “Me bo afuw nguanhwɛfo no denneennen,+ na akannifo a wɔte sɛ mpapo+ no beyi wɔn ano wɔ m’anim,+ efisɛ asafo Yehowa adan n’ani aba ne nguan,+ Yuda fie, so. Na wayɛ wɔn sɛ ɔpɔnkɔ+ nuonyamfo a ɔde no kɔ ɔko.