5 Nkotow wɔn na nsom wɔn,+ efisɛ me Yehowa wo Nyankopɔn, meyɛ Onyankopɔn a mempɛ sɛ me ne obi bɛkyɛ ɔsom a mode ma me+ no. Na agyanom a wɔtan me de, mede wɔn bɔne ho asotwe bɛba wɔn mma, wɔn mmanana, ne wɔn nanankansowanom mpo so;+
15 (efisɛ Yehowa mo Nyankopɔn a ɔwɔ mo mfinimfini no yɛ Onyankopɔn a ɔmpɛ sɛ ɔne obi bɛkyɛ ne som,)+ na Yehowa mo Nyankopɔn abufuw annɛw anhyɛ mo+ na wantɔre mo ase amfi asase so.+
19 Na Yosua ka kyerɛɛ ɔman no sɛ: “Morentumi nsom Yehowa, efisɛ ɔyɛ Onyankopɔn kronkron.+ Na ɔyɛ Onyankopɔn a ɔmpɛ sɛ ɔne obi bɛkyɛ ne som.+ Sɛ motew atua yɛ bɔne a, ɔremfa nkyɛ mo.+
25 “Enti nea Awurade Tumfoɔ Yehowa aka ni, ‘Afei de, mede Yakob nnommum bɛba+ na mahu Israel fie nyinaa mmɔbɔ,+ na mede anibere bɛbɔ me din kronkron no ho ban.+