16 “Onipa ba, hwehwɛ dua+ bi na kyerɛw so sɛ, ‘Yuda ne Israelfo a wɔka ne ho no dea.’+ Fa dua foforo nso na kyerɛw so sɛ, ‘Yosef dea, Efraim dua,+ ne Israel fie a wɔka ne ho no nyinaa.’+
6 Mɛma Yuda fie ayɛ den na magye Yosef fie.+ Mehu wɔn mmɔbɔ+ ama wɔn baabi atena, na wɔbɛyɛ sɛ nnipa a mentow wɔn nkyenee da,+ efisɛ mene Yehowa wɔn Nyankopɔn, na megye wɔn so.+