4 Na mɛma Farao koma apirim+ na obetiw wɔn, na mede Farao ne n’asraafodɔm bɛhyɛ me ho anuonyam+ na Egyptfo ahu sɛ mene Yehowa.”+ Enti wɔyɛɛ saa pɛpɛɛpɛ.
23 Awurade Tumfoɔ Yehowa asɛm ni, ‘Mɛtew me din kɛse+ a woguu ho fĩ wɔ amanaman mu, edin a muguu ho fĩ wɔ wɔn mfinimfini no ho, na sɛ amanaman no hu sɛ matew me din ho wɔ mo mu a,+ wobehu sɛ mene Yehowa.+
16 Wobɛba me man Israel so te sɛ omununkum abɛkata asase no so.+ Nna a edi akyiri no mu na mede wo bɛba m’asase so,+ na sɛ menam wo so tew me din ho wɔ amanaman no anim a, wɔahu me, O Gog.”’+
11 “Efi owiapuei kosi owiatɔe, me din bɛyɛ kɛse wɔ aman nyinaa mu.+ Na wɔbɛhyew afɔrebɔde+ ama me din wɔ baabiara, ayɛyɛde ne akyɛde a ɛho tew,+ efisɛ me din bɛyɛ kɛse wɔ aman nyinaa mu,”+ Asafo Yehowa na waka.