13 “Sɛ homeda nti wosan w’akyi na woanyɛ nea wopɛ me da kronkron no,+ na wofrɛ homeda ahurusidi, Yehowa da kronkron, nea wɔahyɛ no anuonyam,+ na wohyɛ no anuonyam na woamfa w’ankasa akwan so, anyɛ nea ɛsɔ w’ani ankeka nsɛnhunu a,
26 N’asɔfo bu me mmara kɔn mu,+ na wogu me kronkronbea ho fĩ.+ Wɔmma nsonsonoe+ mmɛda akronkronne ne nea ɛnyɛ kronkron ntam,+ anaa nea ɛho tew ne nea ɛho ntew ntam.+ Wobu wɔn ani gu me homeda so,+ na wogu me ho fĩ wɔ wɔn mfinimfini.+