2 “Yɛsrɛ wo, bisa Yehowa ma yɛn,+ efisɛ Babilon hene Nebukadresar ne yɛn rebɛko.+ Ebia Yehowa bɛyɛ n’ahoɔden nnwuma no bi de aboa yɛn ma wafi yɛn so akɔ.”+
17 Na Ɔhene Sedekia soma kɔfaa no bae, na ɔhene bisabisaa no nsɛm wɔ ɔhene fie ahintawee mu.+ Na obisaa no sɛ: “Asɛm bi a efi Yehowa nkyɛn wɔ hɔ anaa?” Ɛnna Yeremia kae sɛ: “Yiw, asɛm wɔ hɔ!” Na ɔtoaa so sɛ: “Wɔde wo bɛhyɛ Babilon hene nsa!”+