14 Ɛnna Yehowa san ka kyerɛɛ me sɛ: “Nkɔntoro na adiyifo no rehyɛ wɔ me din mu.+ Mensomaa wɔn, menhyɛɛ wɔn, na me ne wɔn nkasae.+ Atoro anisoadehu ne abosonkɔm ne adehunu+ ne wɔn komam nnaadaasɛm na wɔde hyɛ mo nkɔm.+
16 Nea asafo Yehowa aka ni: “Munntie adiyifo a wɔhyɛ nkɔm kyerɛ mo no nsɛm.+ Wɔrema moadan ahuhude.+ Wɔn koma so anisoadehu na wɔka,+ emfi Yehowa anom.+