Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • Genesis 18:20
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 20 Enti Yehowa kae sɛ: “Osu ne nteɛteɛm a Sodom ne Gomora ama aba+ no ano yɛ den, na wɔn bɔne nso mu yɛ duru+ ankasa.

  • Genesis 19:24
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 24 Afei Yehowa maa sufre ne ogya tɔ fii soro, Yehowa nkyɛn, guu Sodom ne Gomora so.+

  • Deuteronomium 29:23
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 23 Sɛ wohu sɛ sufre ne nkyene+ ne ɔhyew+ asɛe asase no nyinaa na obiara ntumi nnua ade wɔ so, na biribiara ntumi mfifi wɔ so, na ayɛ sɛ Sodom ne Gomora+ ne Adma+ ne Seboiim+ a Yehowa nam n’abufuhyew so ka gui no a,+

  • Deuteronomium 32:32
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 32 Wɔn bobe yɛ Sodom bobe,

      Efi Gomora mfuw mu.+

      Wɔn bobe aba yɛ awuduru,

      N’asiaw yɛ nwene.+

  • Yesaia 1:10
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 10 Sodom+ atumfoɔ,+ muntie Yehowa asɛm.+ Gomorafo man, monyɛ aso mma yɛn Nyankopɔn mmara.

  • Yesaia 3:9
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 9 Wɔn anim yɛbea bu wɔn fɔ,+ na wɔda wɔn bɔne adi te sɛ Sodom;+ wontumi mfa nsie. Wɔn kra nnue, efisɛ wɔde mmusu aba wɔn ankasa so.+

  • Yeremia 23:14
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 14 Na mahu ahodwiriwde+ wɔ Yerusalem adiyifo mu. Wɔsɛe aware,+ na wɔnantew nkontompo mu;+ wɔhyɛ abɔnefo nsam den, nea ɛbɛyɛ na wɔn mu biara rensan+ mfi ne bɔne ho. M’ani so no, wɔn nyinaa ayɛ sɛ Sodom,+ na wɔn a wɔtete hɔ no ayɛ sɛ Gomora.”+

  • Yuda 7
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 7 Saa ara na Sodom ne Gomora ne nkurow a atwa ho ahyia+ nso yɛe sɛ eyinom, de wɔn ho maa aguamammɔ na wokodii ɔhonam akyi a ɛnyɛ ne kwan so,+ na wɔde daa ogya twee wɔn aso+ na ɔde ayɛ sɛnnahɔ+ ama yɛn.

Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena