30 Na Samson kae sɛ: “Me kra ne Filistifo yi nwu.”+ Afei ɔde n’ahoɔden nyinaa kuntun ne mu, na ɔdan no dwiriw guu ahene no ne nnipa a wɔwɔ hɔ nyinaa so.+ Enti nnipa a okum wɔn ne wuda dɔɔso sen wɔn a okum wɔn ne nkwa nna mu.+
12 Ɛno nti mɛma wanya kyɛfa wɔ nnipa pii mu+ na ɔne nnɔmmarima akyɛ asade,+ efisɛ ɔde ne kra maa owu,+ na wɔkan no fraa mmaratofo.+ Ɔno na ɔsoaa nnipa pii bɔne,+ na odi maa mmaratofo.+