18 Sɛ meka kyerɛ ɔbɔnefo sɛ, ‘Owu na wubewu,’+ na woammɔ no kɔkɔ, na woankasa ankyerɛ ɔbɔnefo no ma wamfi ne kwammɔne so na wannya nkwa a,+ ɔno ɔbɔnefo no bewu n’amumɔyɛ mu,+ nanso ne mogya de, mebisa afi wo nsam.+
6 Bere a wɔne no dii asi na wɔkasa tiaa no+ no, ɔporoporow n’atade mu+ ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Mo mogya+ ngu mo ara mo atifi. Me de, me ho afi.+ Efi nnɛ merekɔ amanaman mufo nkyɛn.”+