7 Ma ɔbɔnefo nnyaw ne kwan,+ na omumɔyɛfo nsakra n’adwene;+ ɔnsan mmra Yehowa nkyɛn, na obehu no mmɔbɔ,+ ɔmmra yɛn Nyankopɔn nkyɛn na ɔde befiri no aboro so.+
12 “Onipa ba, ka kyerɛ wo manfo sɛ, ‘Da a ɔtreneeni bɛtew atua no, ne trenee ntumi nnye no.+ Na da a ɔbɔnefo bɛsan afi ne bɔne ho no, ne bɔne rento no hintidua.+ Saa ara na da a ɔtreneeni bɛyɛ bɔne no, ne trenee no rennye no nkwa.+