Exodus 34:9 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 9 Na ɔkae sɛ: “O Yehowa, sɛ afei manya w’anim dom a, ɛnde mesrɛ wo ka yɛn ho na yɛnkɔ,+ efisɛ nnipa yi kɔn asen.+ Yehowa, fa yɛn mfomso ne yɛn bɔne firi yɛn,+ na fa yɛn yɛ w’agyapade.”+ Nehemia 9:16 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 16 “Na wɔn, yɛn agyanom de, wodii ahantansɛm;+ wosen wɔn kɔn+ na wɔantie w’ahyɛde. Yeremia 3:3 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 3 Ɛno nti wɔasiw asusow kwan,+ na adonsu nso ntɔe.+ Wo moma so te sɛ ɔbea guamanfo de, na wunnim aniwu.+ Yeremia 5:3 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 3 O Yehowa, ɛnyɛ nokwaredi+ na w’aniwa hwɛ anaa? Woabobɔ wɔn,+ nanso ante wɔn.+ Wotɔree wɔn ase.+ Wɔpoo nteɛso.+ Wɔmaa wɔn anim yɛɛ den sen ɔbotan.+ Wɔansan wɔn akyi.+ Yeremia 7:26 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 26 Nanso wɔantie me, wɔanyɛ asõ amma me,+ na wosen wɔn kɔn.+ Wɔyɛɛ bɔne sen wɔn agyanom mpo!+ Hesekiel 2:4 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 4 Mma a wɔn ani yɛ den+ na wɔn koma apirim+—eyinom nkyɛn na meresoma wo, na ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Nea Awurade Tumfoɔ Yehowa aka ni.’
9 Na ɔkae sɛ: “O Yehowa, sɛ afei manya w’anim dom a, ɛnde mesrɛ wo ka yɛn ho na yɛnkɔ,+ efisɛ nnipa yi kɔn asen.+ Yehowa, fa yɛn mfomso ne yɛn bɔne firi yɛn,+ na fa yɛn yɛ w’agyapade.”+
3 Ɛno nti wɔasiw asusow kwan,+ na adonsu nso ntɔe.+ Wo moma so te sɛ ɔbea guamanfo de, na wunnim aniwu.+
3 O Yehowa, ɛnyɛ nokwaredi+ na w’aniwa hwɛ anaa? Woabobɔ wɔn,+ nanso ante wɔn.+ Wotɔree wɔn ase.+ Wɔpoo nteɛso.+ Wɔmaa wɔn anim yɛɛ den sen ɔbotan.+ Wɔansan wɔn akyi.+
4 Mma a wɔn ani yɛ den+ na wɔn koma apirim+—eyinom nkyɛn na meresoma wo, na ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Nea Awurade Tumfoɔ Yehowa aka ni.’