Mmebusɛm 15:8 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 8 Abɔnefo afɔrebɔ yɛ Yehowa akyide,+ na teefo mpaebɔ na n’ani gye ho.+ Mmebusɛm 15:29 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 29 Yehowa ne amumɔyɛfo ntam kwan ware,+ na treneefo mpaebɔ de, otie.+ Yeremia 33:3 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 3 ‘Frɛ me, na megye wo so,+ na mɛka nsɛm akɛse ne nneɛma a wonte ase na wunnim akyerɛ wo.’”+