1 Samuel 2:10 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 10 Wɔn a wɔne Yehowa di asi no, ehu bɛka wɔn;+Wɔn na ɔbɛma aprannaa abobom wɔ soro agu wɔn so.+Yehowa na obebu asase ano nyinaa atɛn,+Na wama ne hene ahoɔden,+Na wama nea wasra no no abɛn so.”+ Dwom 2:2 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 2 Asase so ahene sɔre gyina,+Na atumfoɔ bom+Sɔre tia Yehowa+ ne nea wasra no no.+ Luka 17:21 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 21 na wɔrenka nso sɛ ‘Hwɛ ha!’ anaasɛ ‘Ɛhɔ!’+ Efisɛ Onyankopɔn ahenni no wɔ mo mfinimfini.”+ Yohane 1:41 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 41 Nea edi kan no, ohuu n’ankasa ne nua, Simon, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Yɛahu Mesia no”+ (a ne nkyerɛase ne Kristo).+
10 Wɔn a wɔne Yehowa di asi no, ehu bɛka wɔn;+Wɔn na ɔbɛma aprannaa abobom wɔ soro agu wɔn so.+Yehowa na obebu asase ano nyinaa atɛn,+Na wama ne hene ahoɔden,+Na wama nea wasra no no abɛn so.”+
41 Nea edi kan no, ohuu n’ankasa ne nua, Simon, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Yɛahu Mesia no”+ (a ne nkyerɛase ne Kristo).+