Leviticus 26:26 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 26 Sɛ mibubu nnua a mokora paanoo wɔ so no+ a, mmea du bɛtõ paanoo wɔ fononoo biako mu na wɔakari paanoo ama mo,+ na mubedi nso moremmee.+ Mika 6:14 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 14 Wubedidi nanso woremmee, na wo yafunu bɛda mpan.+ Wobɛtwe wo nneɛma nanso worentumi nkora so, na nea wobɛkora so mpo no mede bɛma nkrante.+ Hagai 1:6 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 6 Mudua aba pii, nanso munya kakraa bi.+ Mudidi, nanso mommee.+ Monom, nanso mommow. Mufura ntama, nanso mo ho nyɛ mo hyew; na kotoku a ase atutu mu na ɔpaani sika gu.’”+
26 Sɛ mibubu nnua a mokora paanoo wɔ so no+ a, mmea du bɛtõ paanoo wɔ fononoo biako mu na wɔakari paanoo ama mo,+ na mubedi nso moremmee.+
14 Wubedidi nanso woremmee, na wo yafunu bɛda mpan.+ Wobɛtwe wo nneɛma nanso worentumi nkora so, na nea wobɛkora so mpo no mede bɛma nkrante.+
6 Mudua aba pii, nanso munya kakraa bi.+ Mudidi, nanso mommee.+ Monom, nanso mommow. Mufura ntama, nanso mo ho nyɛ mo hyew; na kotoku a ase atutu mu na ɔpaani sika gu.’”+