Dwom 28:7 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 7 Yehowa ne m’ahoɔden+ ne me kyɛm.+Ɔno na mede me koma to no so;+Waboa me, enti me koma di ahurusi,+Na mede me dwom bɛkamfo no.+ Yesaia 12:6 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 6 “Sion babea, di ahurusi na ma wo ho nsɛpɛw wo, efisɛ Israel Kronkronni a ɔwɔ wo mu no sõ.”+ Yesaia 41:16 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 16 Wubehuw+ so na mframa asoa akɔ,+ na ahum abɔ apete.+ Wo de, Yehowa mu na wubedi ahurusi.+ Israel Kronkronni no na wode no bɛhoahoa wo ho.”+ Yesaia 61:10 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 10 Yehowa mu na medi ahurusi,+ na me Nyankopɔn mu na me kra ani begye,+ efisɛ ɔde nkwagye atade ahyɛ me,+ na ɔde trenee batakari awura me+ te sɛ ayeforokunu a wabɔ n’abotiri sɛ ɔsɔfo,+ te sɛ ayeforo a ɔde n’agude ahyehyɛ ne ho.+ Habakuk 3:18 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 18 Nanso me de, medi ahurusi wɔ Yehowa mu+ na m’ani agye me nkwagye Nyankopɔn+ mu. Sakaria 10:7 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 7 Efraim bɛyɛ sɛ dɔmmarima,+ na wɔn koma bedi ahurusi te sɛ nea wɔanom nsã.+ Wɔn mma nso behu na wɔadi ahurusi,+ na wɔn koma ani begye wɔ Yehowa mu.+
7 Yehowa ne m’ahoɔden+ ne me kyɛm.+Ɔno na mede me koma to no so;+Waboa me, enti me koma di ahurusi,+Na mede me dwom bɛkamfo no.+
16 Wubehuw+ so na mframa asoa akɔ,+ na ahum abɔ apete.+ Wo de, Yehowa mu na wubedi ahurusi.+ Israel Kronkronni no na wode no bɛhoahoa wo ho.”+
10 Yehowa mu na medi ahurusi,+ na me Nyankopɔn mu na me kra ani begye,+ efisɛ ɔde nkwagye atade ahyɛ me,+ na ɔde trenee batakari awura me+ te sɛ ayeforokunu a wabɔ n’abotiri sɛ ɔsɔfo,+ te sɛ ayeforo a ɔde n’agude ahyehyɛ ne ho.+
7 Efraim bɛyɛ sɛ dɔmmarima,+ na wɔn koma bedi ahurusi te sɛ nea wɔanom nsã.+ Wɔn mma nso behu na wɔadi ahurusi,+ na wɔn koma ani begye wɔ Yehowa mu.+