9 Na ɛbae sɛ Yuda hene Yehoiakim,+ Yosia ba no afe a ɛto so anum, ɔsram a ɛto so akron+ mu no, wɔka maa Yerusalemfo nyinaa ne ɔman no mufo a wofi Yuda nkurow mu baa Yerusalem nyinaa bedii mmuada Yehowa anim.+
14 Monhyɛ bere mma mmuada+ kronkron. Monyɛ afahyɛ nhyiam titiriw.+ Mommoaboa mpanyimfo no ne asase no sofo nyinaa ano mmra Yehowa mo Nyankopɔn fie,+ na munsu mfrɛ Yehowa na ɔmmoa mo.+