26 O me man babea, fura atweaatam,+ na munumunum wo ho wɔ nsõ mu.+ Di awerɛhow sɛ obi a ɔretwa adwo di ne bakoro ho awerɛhow,+ efisɛ mpofirim na ɔsɛefo no bɛba yɛn so.+
12 Bere a ɔbɛn kurow no pon ano no, hwɛ! wɔsõ ɔbarima bi a ne maame di no bakoro+ a wawu+ de no refi adi. Ná ɔbea no yɛ okunafo nso. Na nnipadɔm pii a wofi kurow no mu nso ka ne ho.