Dwom 77:11 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 11 Mɛkae Yah nneyɛe;+Ampa ara, mɛkae anwonwade a woyɛe tete no.+ Dwom 143:5 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 5 Mekae tete nna;+Midwinnwen wo nnwuma nyinaa ho;+Metena ase susuw wo nsa ano adwuma ho.+ 2 Korintofo 1:9 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 9 Nokwasɛm ne sɛ yɛtee nka wɔ yɛn mu sɛ yɛawu awie. Eyi baa saa na yɛamfa yɛn ho anto yɛn ankasa ho so,+ na mmom yɛde yɛn ho ato Onyankopɔn a onyan awufo+ no so.
9 Nokwasɛm ne sɛ yɛtee nka wɔ yɛn mu sɛ yɛawu awie. Eyi baa saa na yɛamfa yɛn ho anto yɛn ankasa ho so,+ na mmom yɛde yɛn ho ato Onyankopɔn a onyan awufo+ no so.