Dwom 48:6 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 6 Wɔn ho wosow biribiribiri wɔ hɔ,+Awoko yaw kaa wɔn sɛ ɔbea a ɔrewo.+ Yesaia 21:3 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 3 Eyi ama me dwonku mu tutu me.+ Mete yaw sɛ ɔbea a ɔrewo.+ Me ho yeraw me, enti mente asɛm; m’adwene atu afra, enti minhu hwee. Yeremia 30:6 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 6 Mummisa ɛ, na munhu, sɛ awo tumi ka ɔbarima anaa. Dɛn nti na mihu sɛ ɔbarima biara nsa si n’asen sɛ ɔbea a awo aka no,+ na obiara anim ayɛ fitaa yi?+
3 Eyi ama me dwonku mu tutu me.+ Mete yaw sɛ ɔbea a ɔrewo.+ Me ho yeraw me, enti mente asɛm; m’adwene atu afra, enti minhu hwee.
6 Mummisa ɛ, na munhu, sɛ awo tumi ka ɔbarima anaa. Dɛn nti na mihu sɛ ɔbarima biara nsa si n’asen sɛ ɔbea a awo aka no,+ na obiara anim ayɛ fitaa yi?+