Yosua 11:12 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 12 Yosua faa nhenkurow a ɛwowɔ hɔ ne emu ahene nyinaa, na ɔde nkrante kunkum wɔn.+ Ɔsɛee wɔn pasaa,+ sɛnea Yehowa akoa Mose kae no.+ Dwom 68:21 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 21 Ampa ara, Onyankopɔn na ɔbɛbobɔ n’atamfo ti pasaa;+Ɔbɛbobɔ obiara a ɔnam afobu mu tikora.+ Dwom 110:6 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 6 Obebu atɛn amanaman no mu;+Ɔbɛma afunu ahyɛ hɔ ma.+Obebubu ɔman a wɔdɔɔso so panyin pasaa.+
12 Yosua faa nhenkurow a ɛwowɔ hɔ ne emu ahene nyinaa, na ɔde nkrante kunkum wɔn.+ Ɔsɛee wɔn pasaa,+ sɛnea Yehowa akoa Mose kae no.+