Yeremia 4:25 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 25 Mehwɛe, na hwɛ, ɔdesani biara nni hɔ, na wim nnomaa nyinaa nso atutu kɔ.+ Yeremia 12:4 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 4 Asase no bɛsɛe akosi da bɛn,+ na asase no so wura betwintwam akosi da bɛn?+ Wɔn a wɔte so no bɔne nti, mmoa ne nnomaa aguan kɔ.+ Na wɔka sɛ: “Ɔrenhu yɛn awiei.” Hosea 4:3 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 3 Enti asase no bedi awerɛhow,+ na ɛsotefo ne wuram mmoa ne wim nnomaa nyinaa bɛsɛe, na po mu mpataa nso bewuwu.+
4 Asase no bɛsɛe akosi da bɛn,+ na asase no so wura betwintwam akosi da bɛn?+ Wɔn a wɔte so no bɔne nti, mmoa ne nnomaa aguan kɔ.+ Na wɔka sɛ: “Ɔrenhu yɛn awiei.”
3 Enti asase no bedi awerɛhow,+ na ɛsotefo ne wuram mmoa ne wim nnomaa nyinaa bɛsɛe, na po mu mpataa nso bewuwu.+