2 Saa bere no mu na Sealtiel+ ba Serubabel+ ne Yehosadak ba Yesua+ sɔree, na wofii ase sii Onyankopɔn fie a ɛwɔ Yerusalem no; ná Onyankopɔn adiyifo+ ka wɔn ho, na wɔboaa wɔn.
9 “Nea asafo Yehowa aka ni, ‘Monyere mo nsam denneennen,+ mo a nna yi moate nsɛm yi afi adiyifo+ no anom, da a wɔtoo asafo Yehowa fie fapem sɛ wɔresi asɔrefie no.+