Mateo 10:22 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 22 Na me din nti nnipa nyinaa bɛtan mo;+ na nea obegyina mu akosi awiei no, ɔno na wobegye no nkwa.+ Yohane 15:21 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 21 Nanso me din nti na wɔbɛyɛ eyinom nyinaa atia mo, efisɛ wonnim nea ɔsomaa me no.+ Asomafo Nnwuma 8:3 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 3 Afei Saul fii ase tuu n’ani sii asafo no so. Ɔhyɛnhyɛn afie mu kɔtwee mmarima ne mmea nyinaa, na ɔma wɔde wɔn guu afiase.+
3 Afei Saul fii ase tuu n’ani sii asafo no so. Ɔhyɛnhyɛn afie mu kɔtwee mmarima ne mmea nyinaa, na ɔma wɔde wɔn guu afiase.+