11 Obehu ne kra amanehunu,+ na ne koma bɛtɔ ne yam.+ M’akoa+ treneeni no nimdeɛ nti, ɔbɛma nnipa pii anya trenee gyinabea;+ na ɔno ankasa bɛsoa wɔn bɔne.+
9 “O Sion babea, ma w’ani nnye.+ O Yerusalem babea, teɛm bɔ ose.+ Hwɛ, wo hene+ reba wo nkyɛn.+ Ɔyɛ ɔtreneeni na wɔagye no nkwa;+ ɔbrɛ ne ho ase,+ na ɔte afurum so, afurummere ba so.+