Mateo 24:10 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 10 Afei nso, nnipa bebree behintiw,+ na wobeyiyi wɔn ho ama atentan wɔn ho.+ Marko 4:17 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 17 Nanso wonni ntini biara, na wɔtena hɔ kakra; afei asɛm no nti sɛ ahohia anaa ɔtaa ba ara pɛ a, ɛto wɔn hintidua.+ Luka 8:13 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 13 Nea eguu ɔbotan so no ne wɔn a wɔte asɛm no a wɔde anigye gye, nanso eyinom nni ntini; wogye di wɔ bere bi mu, nanso edu sɔhwɛ bere a, na wɔawae.+ 2 Timoteo 1:15 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 15 Wunim sɛ nnipa a wɔwɔ Asia+ no nyinaa atwe wɔn ho afi me ho.+ Wɔn mu bi ne Figelo ne Hermogene.
17 Nanso wonni ntini biara, na wɔtena hɔ kakra; afei asɛm no nti sɛ ahohia anaa ɔtaa ba ara pɛ a, ɛto wɔn hintidua.+
13 Nea eguu ɔbotan so no ne wɔn a wɔte asɛm no a wɔde anigye gye, nanso eyinom nni ntini; wogye di wɔ bere bi mu, nanso edu sɔhwɛ bere a, na wɔawae.+