Mmebusɛm 21:13 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 13 Nea osisiw n’aso ɔbrɛfo su ho+ no, ɔno nso bɛfrɛ, na wɔrennye no so.+ Mateo 6:14 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 14 “Na sɛ mode nkurɔfo mfomso firi wɔn a, mo soro Agya nso de mo de befiri mo;+ Marko 11:25 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 25 Na sɛ mosɔre gyina hɔ sɛ morebɔ mpae a, momfa biribiara a obiara ayɛ mo nkyɛ no;+ na mo Agya a ɔwɔ soro no nso de mo mfomso afiri mo.”+ Luka 17:3 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 3 Momma mo ani mmra mo ho so. Sɛ wo nua yɛ bɔne bi a ka n’anim,+ na sɛ onu ne ho a fa firi no.+ Efesofo 4:32 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 32 Mmom no, mo ne mo ho nni wɔ ayamye+ ne ayamhyehye+ so, na mumfi mo pɛ mu mfa bɔne mfirifiri mo ho, sɛnea Onyankopɔn nam Kristo so de firii mo+ koraa no.
25 Na sɛ mosɔre gyina hɔ sɛ morebɔ mpae a, momfa biribiara a obiara ayɛ mo nkyɛ no;+ na mo Agya a ɔwɔ soro no nso de mo mfomso afiri mo.”+
32 Mmom no, mo ne mo ho nni wɔ ayamye+ ne ayamhyehye+ so, na mumfi mo pɛ mu mfa bɔne mfirifiri mo ho, sɛnea Onyankopɔn nam Kristo so de firii mo+ koraa no.