Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • Daniel 7:14
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 14 Ɔno na wɔde tumi+ ne anuonyam+ ne ahenni+ maa no sɛ aman, nkurɔfo ne kasa horow nyinaa nsom no.+ Ne tumi yɛ daa tumi a ɛrentwam da, na n’ahenni yɛ nea wɔrensɛe no da.+

  • Mateo 20:21
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 21 Obisaa no sɛ: “Dɛn na wopɛ?” Ɔbea no kae sɛ: “Hyɛ ma me mma baanu yi mu biako ntena wo nifa na obiako nso ntena wo benkum wɔ w’ahenni mu.”+

  • Mateo 25:31
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 31 “Sɛ onipa Ba+ no ba n’anuonyam mu a abɔfo nyinaa ka ne ho a,+ ɔbɛtena n’anuonyam ahengua so.+

  • Luka 18:29
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 29 Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Nokwarem mise mo sɛ, obiara nni hɔ a wagyaw ofie anaasɛ ɔyere anaasɛ nuabarimanom anaasɛ awofo anaasɛ mma, Onyankopɔn ahenni nti,+

  • Luka 22:30
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 30 na moadidi+ anom me pon so wɔ m’ahenni mu,+ na moatena nhengua+ so abu Israel mmusuakuw dumien no atɛn.

  • 1 Korintofo 6:2
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 2 Anaasɛ munnim sɛ akronkronfo no na wobebu wiase+ atɛn?+ Na sɛ mo na mubebu wiase atɛn a, momfata sɛ mudi nsɛm nketewa+ anaa?

  • Adiyisɛm 20:4
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 4 Na mihuu nhengua,+ na na ebinom tete so, na wɔmaa wɔn tumi a wɔde bebu atɛn.+ Yiw, mihuu wɔn a Yesu ho adansedi ne Onyankopɔn ho asɛnka nti wɔde akuma kunkum wɔn no akra, ne wɔn a wɔankotow akekaboa+ no anaa ne honi+ no na wɔannye agyiraehyɛde no wɔ wɔn moma so ne wɔn nsa ho no.+ Na wɔbaa nkwa mu ne Kristo bedii ade+ mfe apem.

Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena