Mateo 21:11 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 11 Nnipakuw no kekae sɛ: “Oyi ne odiyifo+ Yesu a ofi Nasaret a ɛwɔ Galilea no!” Marko 12:12 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 12 Ɛno nti wofii ase hwehwɛɛ ɔkwan a wɔbɛfa so akyere no, nanso na wosuro nnipakuw no, na wohui sɛ wɔn nti na ɔyɛɛ mfatoho no. Enti wogyaw no hɔ kɔe.+ Yohane 7:32 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 32 Farisifo no tee sɛ nnipakuw no reyɛ huhuhuhu keka nsɛm yi fa ne ho, na asɔfo mpanyin no ne Farisifo no somaa awɛmfo sɛ wɔnkɔkyere no.+ Yohane 7:40 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 40 Ɛnna nnipakuw no mu bi a wɔtee nsɛm yi fii ase kae sɛ: “Nokwasɛm ni, oyi ne Odiyifo no.”+
12 Ɛno nti wofii ase hwehwɛɛ ɔkwan a wɔbɛfa so akyere no, nanso na wosuro nnipakuw no, na wohui sɛ wɔn nti na ɔyɛɛ mfatoho no. Enti wogyaw no hɔ kɔe.+
32 Farisifo no tee sɛ nnipakuw no reyɛ huhuhuhu keka nsɛm yi fa ne ho, na asɔfo mpanyin no ne Farisifo no somaa awɛmfo sɛ wɔnkɔkyere no.+