Mateo 9:21 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 21 nea ɔkae wɔ ne mu ne sɛ: “Sɛ mede me nsa ka n’atade nguguso no kɛkɛ mpo a, me ho bɛtɔ me.”+ Marko 5:28 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 28 na asɛm a na ɔreka ara ne sɛ: “Sɛ mede me nsa ka n’atade nguguso kɛkɛ mpo a, me ho bɛtɔ me.”+ Marko 6:56 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 56 Na nkurow anaa nkuraa-nkuraa+ biara ase a ɔbɛkɔ no, wɔde wɔn a wɔyareyare wɔ hɔ no begu gua so srɛ no sɛ ɔmma wɔmfa wɔn nsa nka+ n’atade nguguso ano+ kɛkɛ. Na dodow a wɔde wɔn nsa kae no nyinaa ho yɛɛ wɔn den.+
56 Na nkurow anaa nkuraa-nkuraa+ biara ase a ɔbɛkɔ no, wɔde wɔn a wɔyareyare wɔ hɔ no begu gua so srɛ no sɛ ɔmma wɔmfa wɔn nsa nka+ n’atade nguguso ano+ kɛkɛ. Na dodow a wɔde wɔn nsa kae no nyinaa ho yɛɛ wɔn den.+