2 Beresosɛm 20:20 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 20 Na wɔsɔree anɔpahema siim kɔɔ Tekoa+ sare so.+ Bere a wɔrekɔ no, Yehosafat sɔre gyinaa hɔ kae sɛ: “O Yuda ne Yerusalemfo nyinaa, muntie me!+ Munnya Yehowa mo Nyankopɔn mu gyidi+ na mo ase atim. Munnya n’adiyifo mu gyidi+ na asi mo yiye.” Luka 8:50 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 50 Bere a Yesu tee no, obuaa no sɛ: “Nsuro, wo de, nya gyidi,+ na obenya nkwa.” Yohane 11:40 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 40 Yesu ka kyerɛɛ no sɛ: “Manka ankyerɛ wo sɛ wugye di a, wubehu Onyankopɔn anuonyam?”+
20 Na wɔsɔree anɔpahema siim kɔɔ Tekoa+ sare so.+ Bere a wɔrekɔ no, Yehosafat sɔre gyinaa hɔ kae sɛ: “O Yuda ne Yerusalemfo nyinaa, muntie me!+ Munnya Yehowa mo Nyankopɔn mu gyidi+ na mo ase atim. Munnya n’adiyifo mu gyidi+ na asi mo yiye.”