Mateo 6:6 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 6 Nanso wo de, sɛ worebɔ mpae a, kɔ wo pia+ mu na to wo pon mu bɔ w’Agya a ɔwɔ kokoam no mpae;+ ɛno na w’Agya a ɔhwɛ kokoam no betua wo ka. Mateo 14:23 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 23 Afei bere a wagya nnipakuw no kwan ma wɔkɔ no, ne nkutoo kɔɔ bepɔw so kɔbɔɔ mpae.+ Ɛwom sɛ na ade asa de, nanso na ne nkutoo na ɔwɔ hɔ. Marko 1:35 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 35 Na anɔpatutuutu a anim ntetewee no, ɔsɔre fii adi kɔɔ baabi a obiara nni,+ na ofii ase bɔɔ mpae+ wɔ hɔ. Luka 6:12 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 12 Saa nna no mu no ɔkɔɔ bepɔw so kɔbɔɔ mpae,+ na ɔbɔɔ Onyankopɔn mpae anadwo mũ no nyinaa.+
6 Nanso wo de, sɛ worebɔ mpae a, kɔ wo pia+ mu na to wo pon mu bɔ w’Agya a ɔwɔ kokoam no mpae;+ ɛno na w’Agya a ɔhwɛ kokoam no betua wo ka.
23 Afei bere a wagya nnipakuw no kwan ma wɔkɔ no, ne nkutoo kɔɔ bepɔw so kɔbɔɔ mpae.+ Ɛwom sɛ na ade asa de, nanso na ne nkutoo na ɔwɔ hɔ.
35 Na anɔpatutuutu a anim ntetewee no, ɔsɔre fii adi kɔɔ baabi a obiara nni,+ na ofii ase bɔɔ mpae+ wɔ hɔ.