Asomafo Nnwuma 11:28 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 28 Wɔn mu biako a wɔfrɛ no Agabo+ sɔree, na ɔnam honhom so kyerɛe sɛ ɔkɔm kɛse bi reba asase nyinaa so;+ na ɛbaa mu nso wɔ Klaudio bere so. Adiyisɛm 6:8 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 8 Na mihui, na hwɛ! ɔpɔnkɔ a ne ho nsonso bi ni; na nea ɔte no so no din de Owu. Na Adamoa*+ di n’akyi pɛɛ. Na wɔmaa wɔn asase nkyekyɛm anan mu biako so tumi sɛ wɔmfa nkrante+ tenten ne aduankɔm+ ne owuyare ne asase so nkekaboa+ nkunkum wɔn.
28 Wɔn mu biako a wɔfrɛ no Agabo+ sɔree, na ɔnam honhom so kyerɛe sɛ ɔkɔm kɛse bi reba asase nyinaa so;+ na ɛbaa mu nso wɔ Klaudio bere so.
8 Na mihui, na hwɛ! ɔpɔnkɔ a ne ho nsonso bi ni; na nea ɔte no so no din de Owu. Na Adamoa*+ di n’akyi pɛɛ. Na wɔmaa wɔn asase nkyekyɛm anan mu biako so tumi sɛ wɔmfa nkrante+ tenten ne aduankɔm+ ne owuyare ne asase so nkekaboa+ nkunkum wɔn.