Mateo 26:74 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 74 Ɛnna ofii ase dii nsew kaa ntam sɛ: “Minnim onipa no!” Na ɛhɔ ara na akokɔ bɔnee.+ Marko 14:71 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 71 Na ofii ase dii nsew kaa ntam+ sɛ: “Minnim onipa yi a moreka ne ho asɛm no.”+ Yohane 18:27 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 27 Nanso Petro san bio sɛ ɛnte saa, na ntɛm ara na akokɔ bɔnee.+