Dwom 22:18 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 18 Wɔkyekyɛ me nguguso mu fa,+Na m’atade nso, wɔbɔ so ntonto.+ Yesaia 53:12 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 12 Ɛno nti mɛma wanya kyɛfa wɔ nnipa pii mu+ na ɔne nnɔmmarima akyɛ asade,+ efisɛ ɔde ne kra maa owu,+ na wɔkan no fraa mmaratofo.+ Ɔno na ɔsoaa nnipa pii bɔne,+ na odi maa mmaratofo.+ Mateo 27:35 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 35 Bere a wɔbɔɔ no asɛndua+ mu no, wɔbɔɔ ntonto kyɛɛ n’atade nguguso+ mu,+ Marko 15:24 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 24 Na wɔbɔɔ no asɛndua mu na wɔbɔɔ ntonto kyɛɛ n’atade+ nguguso mu huu nea ɛsɛ sɛ obiara fa.+
12 Ɛno nti mɛma wanya kyɛfa wɔ nnipa pii mu+ na ɔne nnɔmmarima akyɛ asade,+ efisɛ ɔde ne kra maa owu,+ na wɔkan no fraa mmaratofo.+ Ɔno na ɔsoaa nnipa pii bɔne,+ na odi maa mmaratofo.+