Mateo 27:57 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 57 Afei esiane sɛ na adu anwummere nti ɔdefo bi a ofi Arimatea a wɔfrɛ no Yosef a ɔno nso abɛyɛ Yesu suani baa hɔ.+ Marko 15:43 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 43 Yosef a ofi Arimatea, Bagua* no muni a wagye din, a ɔno nso retwɛn Onyankopɔn ahenni no bae.+ Ɔde akokoduru kɔɔ Pilato anim kɔsrɛɛ Yesu amu.+ Yohane 19:38 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 38 Afei, eyinom akyi no, Yosef a ofi Arimatea, a na ɔyɛ Yesu suani nanso Yudafo no ho suro+ nti ɔyɛe wɔ kokoam no, srɛɛ Pilato sɛ ɔmma ɔmfa Yesu amu nkɔ; na Pilato maa no kwan.+ Ɛnna ɔbɛfaa amu no kɔe.+
57 Afei esiane sɛ na adu anwummere nti ɔdefo bi a ofi Arimatea a wɔfrɛ no Yosef a ɔno nso abɛyɛ Yesu suani baa hɔ.+
43 Yosef a ofi Arimatea, Bagua* no muni a wagye din, a ɔno nso retwɛn Onyankopɔn ahenni no bae.+ Ɔde akokoduru kɔɔ Pilato anim kɔsrɛɛ Yesu amu.+
38 Afei, eyinom akyi no, Yosef a ofi Arimatea, a na ɔyɛ Yesu suani nanso Yudafo no ho suro+ nti ɔyɛe wɔ kokoam no, srɛɛ Pilato sɛ ɔmma ɔmfa Yesu amu nkɔ; na Pilato maa no kwan.+ Ɛnna ɔbɛfaa amu no kɔe.+