Mateo 10:33 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 33 na obiara a ɔpa me nnipa anim no, me nso mɛpa+ no m’Agya a ɔwɔ soro no anim. Marko 8:38 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 38 Na obiara a ɔbɛma n’ani awu me ne me nsɛm ho wɔ nnɛ mma awaresɛefo ne nnebɔneyɛfo yi mu no, ɔno nso ho bɛyɛ onipa Ba no aniwu+ bere a waba n’Agya anuonyam mu a abɔfo kronkron ka ne ho no.”+ 2 Timoteo 2:12 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 12 sɛ yɛkɔ so ara nya boasetɔ a, yɛne no bedi hene nso;+ sɛ yɛpo no a,+ ɔno nso bɛpo yɛn;
38 Na obiara a ɔbɛma n’ani awu me ne me nsɛm ho wɔ nnɛ mma awaresɛefo ne nnebɔneyɛfo yi mu no, ɔno nso ho bɛyɛ onipa Ba no aniwu+ bere a waba n’Agya anuonyam mu a abɔfo kronkron ka ne ho no.”+