Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • Yesaia 9:6
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 6 Wɔawo akokoaa ama yɛn,+ wɔama yɛn ɔbabarima,+ na n’ahenni bɛda ne mmati so.+ Na wɔbɛfrɛ ne din sɛ Ɔfotufo Nwonwafo,+ Onyame Tumfoɔ,+ Daa Agya,+ Asomdwoe Hene.+

  • Yesaia 53:12
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 12 Ɛno nti mɛma wanya kyɛfa wɔ nnipa pii mu+ na ɔne nnɔmmarima akyɛ asade,+ efisɛ ɔde ne kra maa owu,+ na wɔkan no fraa mmaratofo.+ Ɔno na ɔsoaa nnipa pii bɔne,+ na odi maa mmaratofo.+

  • Kolosefo 2:15
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 15 Ɔpaa nniso ne tumidi+ ahorow no ho, na ɔde wɔn kyerɛe pefee wɔ baguam sɛ wadi wɔn so nkonim,+ na ɔnam asɛndua no so dii wɔn anim wɔ nkonimdi aperententu+ mu.

  • 1 Yohane 4:4
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 4 Mma nkumaa, mufi Onyankopɔn mu, na moadi saa nkurɔfo no so,+ efisɛ nea ɔwɔ mo afã+ no sõ+ sen nea ɔwɔ wiase+ no afã.

Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena