Deuteronomium 1:16 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 16 “Na meka kyerɛɛ mo atemmufo saa bere no sɛ, ‘Sɛ moredi mo nuanom ntam asɛm a, mummu atɛntrenee+ obi ne ne nua anaa ɔne ne hɔho ntam.+ Deuteronomium 17:8 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 8 “Sɛ obi hwie mogya gu+ anaa ɔne ne yɔnko twe manso+ anaa opira ne yɔnko na ɛyɛ asɛm a asɔre+ wo kurow pon ano, na asɛm no mu yɛ duru ma wo sɛ wubedi+ a, ɛnde sɔre kɔ faako a Yehowa wo Nyankopɔn ayi asi hɔ no,+ Mmebusɛm 18:13 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 13 Sɛ obi bua asɛm ansa na wate a,+ ɛyɛ nkwaseasɛm ne animguase ma no.+
16 “Na meka kyerɛɛ mo atemmufo saa bere no sɛ, ‘Sɛ moredi mo nuanom ntam asɛm a, mummu atɛntrenee+ obi ne ne nua anaa ɔne ne hɔho ntam.+
8 “Sɛ obi hwie mogya gu+ anaa ɔne ne yɔnko twe manso+ anaa opira ne yɔnko na ɛyɛ asɛm a asɔre+ wo kurow pon ano, na asɛm no mu yɛ duru ma wo sɛ wubedi+ a, ɛnde sɔre kɔ faako a Yehowa wo Nyankopɔn ayi asi hɔ no,+