Mateo 14:19 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 19 Afei ɔka kyerɛɛ nnipakuw no ma wɔtenatenaa sare no so na ɔfaa paanoo anum ne mpataa abien no, na ɔhwɛɛ soro hyiraa+ paanoo no so bubuu mu kyekyɛ maa asuafo no na asuafo no nso kyekyɛ maa nnipakuw no.+ Marko 7:34 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 34 Na ɔhwɛɛ soro+ guu ahome+ kɛse kae sɛ: “Hefata,” kyerɛ sɛ, “Bue.”
19 Afei ɔka kyerɛɛ nnipakuw no ma wɔtenatenaa sare no so na ɔfaa paanoo anum ne mpataa abien no, na ɔhwɛɛ soro hyiraa+ paanoo no so bubuu mu kyekyɛ maa asuafo no na asuafo no nso kyekyɛ maa nnipakuw no.+