27 M’Agya de nneɛma nyinaa ama me,+ na obiara nnim Ɔba no yiye gye Agya no,+ na saa ara nso na obiara nnim Agya no yiye gye Ɔba no ne nea Ɔba no pɛ sɛ ɔda no adi kyerɛ no.+
27 Na Onyankopɔn “de nneɛma nyinaa guu ne nan ase.”+ Na sɛ ɔka sɛ ‘wɔde nneɛma nyinaa agu ne nan ase’+ a, emu da hɔ pefee sɛ nea ɔde nneɛma nyinaa guu ne nan ase no nka ho bi.+
8 Wode nneɛma nyinaa agu ne nan ase.”+ Na nneɛma nyinaa a ɔde hyɛɛ n’ase+ mu no, Onyankopɔn annyaw biribiara a wamfa anhyɛ n’ase.+ Nanso mprempren de, yennya nhui sɛ nneɛma nyinaa hyɛ n’ase;+