Yohane 13:34 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 34 Mede ahyɛde foforo rema mo, sɛ monnodɔ mo ho; sɛnea medɔ mo no,+ mo nso monnodɔ mo ho saa ara.+ Yohane 15:10 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 10 Sɛ mudi m’ahyɛde+ so a, mobɛtena me dɔ mu sɛnea madi Agya no ahyɛde so+ na mete ne dɔ mu no. Yakobo 1:22 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 22 Na monyɛ asɛm no yɛfo,+ na monnyɛ atiefo nko mfa nsusuwii hunu nnaadaa mo ho.+ 1 Yohane 5:3 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 3 Na eyi ne nea Onyankopɔn dɔ+ kyerɛ, sɛ yebedi n’ahyɛde so;+ na n’ahyɛde nyɛ den,+