Yohane 8:19 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 19 Enti wɔkɔɔ so ka kyerɛɛ no sɛ: “Ɛhe na w’Agya wɔ?” Yesu buae sɛ: “Munnim me, na saa ara nso na munnim m’Agya no.+ Sɛ munim me a, anka mubehu m’Agya no nso.”+ Yohane 15:21 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 21 Nanso me din nti na wɔbɛyɛ eyinom nyinaa atia mo, efisɛ wonnim nea ɔsomaa me no.+ Romafo 10:2 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 2 Efisɛ midi wɔn adanse sɛ wɔwɔ Onyankopɔn ho nnamyɛ+ de, nanso ɛnyɛ nokware nimdeɛ mu;+ 1 Korintofo 2:8 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 8 Nyansa yi na wiase atumfoɔ+ mu biara anhu,+ na sɛ wohui a, anka wɔammɔ Awurade a ɔwɔ anuonyam no asɛndua+ mu.
19 Enti wɔkɔɔ so ka kyerɛɛ no sɛ: “Ɛhe na w’Agya wɔ?” Yesu buae sɛ: “Munnim me, na saa ara nso na munnim m’Agya no.+ Sɛ munim me a, anka mubehu m’Agya no nso.”+
8 Nyansa yi na wiase atumfoɔ+ mu biara anhu,+ na sɛ wohui a, anka wɔammɔ Awurade a ɔwɔ anuonyam no asɛndua+ mu.