11 Obehu ne kra amanehunu,+ na ne koma bɛtɔ ne yam.+ M’akoa+ treneeni no nimdeɛ nti, ɔbɛma nnipa pii anya trenee gyinabea;+ na ɔno ankasa bɛsoa wɔn bɔne.+
27 Monnyɛ aduan a ɛsɛe ho adwuma,+ na mmom monyɛ aduan a ɛtena hɔ de kɔ daa nkwa+ mu a onipa Ba no de bɛma mo no ho adwuma; na ɔno na Agya no, Onyankopɔn ankasa, de ne nsɔano agye no atom.”+