Yohane 8:23 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 23 Enti ɔtoaa so ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Mufi fam; me de, mifi soro.+ Mufi wiase;+ me de, mimfi wiase.+ Yohane 15:19 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 19 Sɛ moyɛ wiase no fã a, anka wiase bɛpɛ nea ɛyɛ ne de no asɛm.+ Nanso esiane sɛ monyɛ wiase no fã,+ na mmom mapaw mo afi wiase nti, wiase no tan mo.+ Yakobo 4:4 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 4 Awaresɛefo,+ munnim sɛ wiase adamfofa yɛ tan a wɔtan Onyankopɔn?+ Enti obiara a ɔpɛ sɛ ɔyɛ wiase adamfo+ no gyina hɔ sɛ Onyankopɔn tamfo.+
19 Sɛ moyɛ wiase no fã a, anka wiase bɛpɛ nea ɛyɛ ne de no asɛm.+ Nanso esiane sɛ monyɛ wiase no fã,+ na mmom mapaw mo afi wiase nti, wiase no tan mo.+
4 Awaresɛefo,+ munnim sɛ wiase adamfofa yɛ tan a wɔtan Onyankopɔn?+ Enti obiara a ɔpɛ sɛ ɔyɛ wiase adamfo+ no gyina hɔ sɛ Onyankopɔn tamfo.+