14 Ɔmfa odwennini biako a wadi afe a ɔte apɔw mmɛbɔ ɔhyew afɔre+ mma Yehowa na ɔmfa oguammere biako a wadi afe a ɔte apɔw mmɛbɔ bɔne ho afɔre+ na ɔmfa odwennini biako a ɔte apɔw nso mmɔ asomdwoe afɔre.+
15 Afei ɔmfa ngo mfra+ esiam muhumuhu+ nyɛ paanoo a mmɔkaw nnim a ɛte sɛ kawa, ne paanoo ntraantraa a mmɔkaw nnim a wɔde ngo asra ho,+ ne aduan+ ne nsã+ a ɔde bɛbɔ afɔre ngu ade mu mmra.